Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 4:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye. “(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye. “(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 4:10
26 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE de n’ani kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bɛdi ama wɔn a wɔn akoma di mu wɔ ne ho no. Yei mu woadi nkwaseasɛm, na ɛfiri seesei de rekorɔ yi, akodie bɛba wo so.


Na sɛ mpo wo mfitiaseɛ yɛ ketewa a, w’awieeɛ bɛso kokuroo.


Ɔte ne tenaberɛ na ɔhwɛ asase sotefoɔ nyinaa.


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


Na ateneneefoɔ kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kɔduru awia ketee.


na moanum n’awerɛkyekyerɛ nufoɔ amee, na moafe n’animuonyam mmorosoɔ ama mo bo atɔ mo yam.


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na m’ani hwɛ wɔn akwan nyinaa, ɛnhunta me, na wɔn amumuyɛ nso, ɛso nkataa m’anim.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no de mmirika redi akɔneaba te sɛ anyinam.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Na wɔbɛdii asase so ahahan wieeɛ no, mebisaa sɛ: O AWURADE Nyankopɔn, mekoto srɛ wo, fa kyɛ! Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo?


Na mese: O AWURADE Nyankopɔn, gyae ɛ! Mekoto srɛ wo. Yakob bɛgyina sɛn? Ɔsua dodo?


Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?


Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.


Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea.


Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.


Na mehwɛe, na ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ntam ne mpanimfoɔ no ntam no, adwammaa bi gyina hɔ a ɔte sɛdeɛ wɔaku no. Ɔwɔ mmɛn nson ne ani nson a ɛyɛ Nyankopɔn ahonhom nson a wɔasoma wɔn kɔ asase nyinaa soɔ no.


Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan