Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Mibisae se, “Eyinom ase ne dɛn, me wura?” Ɔbɔfo a ɔne me rekasa no buae se, “Mɛkyerɛ wo dekode a wɔyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Mebisaa sɛ, “Yeinom ase ne sɛn, me wura?” Ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no buaa sɛ, “Mɛkyerɛ wo adekodeɛ a wɔyɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbɔfo a ɔrekasa akyerɛ me no buaa me sɛ: Merebɛkyerɛ wo dekode a eyinom yɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:9
17 Iomraidhean Croise  

Na Nyankopɔn bɔfoɔ ka kyerɛɛ me daeɛ mu sɛ: Yakob! Na mese: Menie.


Na AWURADE de nsɛm pa ne awerɛkyekyerɛ nsɛm buaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.


Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.


Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adi, na ɔbɔfoɔ foforɔ firii adi kɔhyiaa no,


Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sane bae, ɔbɛnyanee me sɛ onipa a wɔnyane no firi ne nna mu,


Na mebisaa no sɛ: Ɛdeɛn ne kaneadua no nifa ne ne benkum ngo nnua mmienu yi?


Ɛnna ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii adie na ɔbisaa me sɛ: Ma w’ani so hwɛ ɛ, ɛdeɛn na ɛfiri adie yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan