Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:5 - Twerɛ Kronkron

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mo tete agyanom wɔ he mprempren? Na adiyifo no, wɔte ase daa ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifoɔ no, wɔtena hɔ kɔsi daa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mo tete agyanom wɔ he seesei? Na adiyifoɔ no, wɔte ase daa anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Mo agyanom no wɔ he? Na adiyifo no, so wɔtenaa hɔ kosii daa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:5
16 Iomraidhean Croise  

Nso na Elisa yare ne yadeɛ a ɔde wuiɛ no. Na Israelhene Yoas siane baa ne nkyɛn bɛsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!


Na Elisa wui, na wɔsiee no. Na afe no baeɛ no, Moabfoɔ afomfafoɔ asafo baa asase no so.


Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ, na ɛtwaa mu ntɛmso, na yɛtu kɔe.


Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba, na asase deɛ, ɛtim hɔ daa.


Nso wɔasuro deɛ ɛkorɔn, na ehu aba kwan mu, na sorɔno bɛgu nhyerɛne, na abɛbɛ ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, ɛfiri sɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfoɔ rekyini mmorɔno so;


na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


Sane fa mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ akane nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ no mu a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no nyinaa hyɛ mu.


Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wɔnni hɔ, na yɛn na yɛso wɔn amumuyɛ.


Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.


Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


Na Samuel wuiɛ; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano bɛgyamm no, na wɔkoraa no ne fie wɔ Rama. Na Dawid sɔre siane kɔɔ Paran serɛ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan