Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 82:8 - Twerɛ Kronkron

8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wubedi ade, amanaman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 82:8
14 Iomraidhean Croise  

Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ, na mama woafa asase ano nohoa adi so


Na ahennie wɔ AWURADE, na ɔdi amanaman so.


Sɔre bɛboa yɛn ɛ, na gye yɛn, w’adɔeɛ nti!


AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.


Na nnipa abufuhyeɛ dane wo ayeyie, wode abufuhyeɛ a ɛboro soɔ bɔ abɔsoɔ.


Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka.


wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔrebɛbu wiase atɛn tenenee mu, ne aman wɔ ne nokorɛ mu.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.


Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.


Enti monhwɛ me kwan, AWURADE asɛm nie, nkɔsi da a mɛsɔre mabɛgye asadeɛ. Na ɛyɛ m’atemmudeɛ sɛ meboa amanaman ano na mehyia ahennie aman, na mahwie m’abohuro, m’abufuhyeɛ nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhye.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan