Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 82:2 - Twerɛ Kronkron

2 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea, na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea, na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Da bɛn na mubebu ntɛnkyew, na moahwɛ abɔnefo anim akosi? Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 82:2
16 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Elia twe pinii ɔman no nyinaa nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na mo adwene bɛyɛ mo ntanta? Sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a, monni n’akyi: Sɛ Baal nso a, monni n’akyi! Na ɔman no ammua no asɛm biara.


Na afei AWURADE ho suro ntena mo so. Monhwɛ yie na monyɛ, ɛfiri sɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no, nkontompo ne animhwɛ ne kɛtɛ-asehyɛ nni ne fam.


Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,


Deɛ ɔnhwɛ atitire anim, na ɔmmu ɔdehyeɛ nsene mmɔborɔni; ɛfiri sɛ ne nsa ano adwuma ne wɔn nyinaa.


Mobɛha ɔbaakofoɔ akɔsi da bɛn, na mo nyinaa adwiri no sɛ ɔfasuo a akyea ne ɛban a agoɔ?


Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Wobɛma wo ho so wɔ m’anim akɔsi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me.


Ɛnyɛ sɛ wɔhwɛ ɔbɔnefoɔ anim, na wɔdane ɔteneneeni asɛm ani atemmuo mu.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Monntwa atemmuo mu nkontompo. Nhwɛ mmɔborɔni anim, na nyɛ deɛ ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; tenenee mu na bu wo yɔnko atɛn.


Na Yesu kaa sɛ: O nnɛ mma a monni gyidie na moakyea, me ne mo ntena hɔ nkɔduru da bɛn? Mento me bo ase mma mo nkɔsi da bɛn? Momfa no mmrɛ me ha!


Na wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔwɔ din no, (deɛ wɔteɛ biara, ɛmfa me ho hwee; Onyankopɔn nhwɛ onipa anim nyiyi mu), na me deɛ, wɔn a wɔwɔ din no amfa biribiara anka me ho,


Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan