Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 81:10 - Twerɛ Kronkron

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mene Awurade, mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so no. Mummue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so mebaeɛ no, trɛ wo anomu tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so no. Mommue mo anom tɛtrɛɛ na mɛhyɛ mu ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Me ara mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so mebae no, tɛɛ w’anom tɛtrɛɛ na menhyɛ no ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 81:10
16 Iomraidhean Croise  

sɛ wama ɔkra a ne ho aweɛ ameeɛ, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɛkɔm de no ma.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Nnya anyame foforɔ nka me ho.


a mehyɛɛ mo agyanom, da a meyii wɔn firii Misraim asase so, firii dadeɛ fononoo no mu sɛ: Montie me, na monyɛ nnoɔma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn,


Papa ayɛ Israel nwunu; ma ɔtamfoɔ nti wɔn ɛ!


Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!


Nnya anyame afoforɔ nka me ho.


Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Na afei montoto amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnanedane mo akoma mma AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieeɛ no. Me na mede nkwa asutire mu nsuo bɛkyɛ obiara a sukɔm de no kwa.


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan