Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 57:2 - Twerɛ Kronkron

2 Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Misu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Mesu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a ɔdi ma me wie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Misu mefrɛ ɔsorosoro Nyankopɔn, mefrɛ Onyankopɔn a odi ma me wie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 57:2
12 Iomraidhean Croise  

AWURADE bɛwie di ama me, AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa, wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.


O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora.


Hwɛ me so sɛ ani kurutuawisi, fa me hunta wo ntaban nwunu ase,


M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?


M’atɛfoɔ repɛ me amene me daa nyinaa, na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko.


AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn, na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.


Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu, na toto w’akyiri apono mu; fa wo ho hunta kakraa bi kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.


Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan