Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 48:2 - Twerɛ Kronkron

2 Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ne sorokɔ ma ɛyɛ fɛ, ɛyɛ wiase nyinaa anigyede. Bepɔw Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhenkɛse no kuropɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Kuropɔn no ɔsorokɔ yɛ fɛ, ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ. Bepɔ Sion te sɛ Safon sorɔnsorɔmmea, Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔw, benkum fam twɔtwɔw no, ɔhenkɛse kurow no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 48:2
21 Iomraidhean Croise  

Wɔmfiri Sion nhyira AWURADE a ɔte Yerusalem no, monyi AWURADE ayɛ.


Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.


Ne sese si Salem, na ne tenabea wɔ Sion.


Wɔka wo ho animuonyamsɛm, Nyankopɔn kuro.


Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkoto nsɔre wɔ ne bepɔ kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.


Na wo deɛ, wokaa no w’akomam sɛ: Ɔsoro na mɛforo makorɔ, Nyankopɔn nsoromma no atifi na mɛma m’ahennwa so asie, na matena ahyiaeɛ bepɔ no so, atifi fam asasetifi ano nohoa tɔnn;


Na nna a ɛdi akyire no mu no, AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na amanaman nyinaa asene yuu aba ho.


Na wo nhyɛsofoɔ mma de akotoakotoɔ bɛba wo nkyɛn, na wɔn a wɔbuu wo animtia nyinaa bɛba abɛbum wo nan ase, na wɔafrɛ wo AWURADE Kuro, Israel Kronkronni no Sion.


Mo ne Yerusalem ani nnye, na monni ne ho ahurisie, mo a modɔ no nyinaa; mo ne ne ho nsɛpɛ mo, mo a modi ne ho abooboo nyinaa;


Na mese: Mede wo bɛsi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo. Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensane mfiri m’akyiri bio.


Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so. Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri gu Yerusalem babaa so ka sɛ: Kuro a wɔfrɛ no: Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ, asase nyinaa ahosan no, nie?


Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Nnome nka deɛ ɔsisie, ɔde onini a ɔwɔ ne nnwankuo mu hyɛ bɔ, nanso ɔde deɛ watɔ ape bɔ AWURADE afɔdeɛ no; ɛfiri sɛ ɔhenkɛseɛ ne me, asafo AWURADE na ɔseɛ, na me din ho yɛ hu, amanaman mu.


Na amanaman nyinaa bɛbu mo ahotɔfoɔ, na mobɛyɛ anika asase, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Monnka asase, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne nan ntiasoɔ. Monnka Yerusalem, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhenkɛseɛ kuro.


Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan