Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 4:7 - Twerɛ Kronkron

7 Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wode anigyeɛ ahyɛ m’akomam asene berɛ a wɔn aburoo ne wɔn nsa dɔɔso no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wode anigye ahyɛ me komam asen bere a wɔn aburow ne wɔn nsaforo dɔɔso no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 4:7
14 Iomraidhean Croise  

AWURADE mma m’anim nngu ase, na mesu mefrɛ wo. Ma abɔnefoɔ anim ngu ase, na wɔntotɔre mum Asamando.


na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo bɛfu atia wo man mpaebɔ akɔsi da bɛn?


Na wo, AWURADE, woma m’ani gye wo nneyɛɛ ho, wo nsa ano nnwuma ho na mɛdi ahurisie.


Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


Woama ɔman no adɔre, woama n’anigyeɛ ayɛ kɛseɛ, wɔn ani gye w’anim sɛ twaberɛ mu anigyeɛ, sɛdeɛ wɔdi asadeɛkyɛ mu ahurisie.


na wɔahwam anigyeɛ ne ahurisidie afiri mfu pa wɔ Moab asase so, na matwa nsa to afiri nsa-kyi-amena mu. Wɔrenyɛ nsa mmɔ nnye so. Wɔbɛbo agye so a ɛnyɛ anigyeɛ mmɔgyesoɔ.


AWURADE nte n’anim nkyerɛ wo, na ɔnnom wo;


nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.


Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,


Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan