Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 4:6 - Twerɛ Kronkron

6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nnipa bebree bisa se: “Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?” Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛahunu papa? AWURADE, te w’anim ma no nhran yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nnipa bebree bisa sɛ: “Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?” Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Nnipa bebree bisa sɛ: Hena na ɔbɛma yɛahu papa? AWURADE, tew w'anim ma ɛnharan yɛn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 4:6
20 Iomraidhean Croise  

Ma w’anim nhran w’akoa so, na ma mensua w’ahyɛdeɛ.


Aane, wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa, wode w’anim anigyeɛ gye n’ani.


Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa. Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho, ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.


Me kra, adɛn na woaboto sɛɛ, na wosi me mu apini? Fa w’ani to Nyankopɔn so na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ ɔyɛ m’anim boafoɔ


Na ɛnyɛ wɔn ara afena na wɔde nyaa asase no, nanso ɛnyɛ wɔn ara nsa na ɛgyee wɔn, na mmom ɛyɛ wo nifa ne wo basa ne w’anim hann, ɛfiri sɛ wopɛ wɔn.


Onyankopɔn, dom yɛn, na hyira yɛn, te w’anim kyerɛ yɛn.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu.


Adɛn na mokari sika gye deɛ ɛnyɛ aduane, ne mo brɛ so adeɛ tɔ deɛ ɛmmee mo? Montie me ɛ, monni nnepa, na sradeduane nyɛ mo kra dɛ.


na ɔbɛtena ase anane dwetɛ ayiyi mu, na ɔbɛyiyi Lewi mma mu, na wayiyi wɔn mu sɛ sika ne dwetɛ, na wɔayɛ wɔn a wɔde ayɛyɛdeɛ brɛ AWURADE tenenee mu;


AWURADE mma n’ani so nhwɛ wo, na ɔmma wo asomdwoeɛ.


na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so, ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ; na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.


Na afei mo ɛ! Mo a moka sɛ: Ɛnnɛ ne ɔkyena yɛbɛkɔ sɛɛ ne sɛɛ kuro yi mu akɔdi hɔ afe, na yɛatɔ atɔn na yɛanya mfasoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan