Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 3:7 - Twerɛ Kronkron

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye, woabubu abɔnefoɔ se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfoɔ nyinaa abɔgye, woabubu abɔnefoɔ se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɔre, Ao Awurade! Gye me, Ao me Onyankopɔn! Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan; na tutu amumuyɛfoɔ se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 O AWURADE, sɔre ɛ! Me Nyankopɔn, gye me! Na woabobɔ m’atamfo nyinaa abogye, woabubu abɔnefo se.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 3:7
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔko no trɛɛ wɔ asase no nyinaa ani, na ɛdɔm no mu wɔn a wɔwuu kwaeɛ no mu dɔɔso sene wɔn a wɔwuu nkrantɛ ano da no.


Wɔhaahaa wɔn anomu tia me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’aso mu, wɔn nyinaa boaboa wɔn ano tia me.


na mebubuu omumuyɛfoɔ sebɔmmɔfoɔ, na mehwim fomfa adeɛ mefirii ne se mu.


Ao, AWURADE sɔre, ɛ! Ao, Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfiri amanehunufoɔ.


Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


Sɛ dɔm kyere me so nsraban a, m’akoma rentu; sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu mpo na me ho tɔ me.


Nyane, na sɔre bɛbu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bɛdi m’asɛm!


AWURADE, nyane ɛ, adɛn nti na woda? Sɔre ɛ, nto yɛn ntwene koraa.


Onyankopɔn, bubu wɔn se, wɔn anomu, AWURADE, tutu gyata aburuwa sebɔmmɔfoɔ.


Na wo, AWURADE, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, nyane bɛhwɛ amanaman nyinaa, nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ mmɔbɔ.


Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra, gye me nkwa w’adɔeɛ nti.


AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.


Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi firi wo kokom, wie wɔn.


berɛ a Onyankopɔn sɔre bɛbuu atɛn, sɛ ɔbɛgye wɔn a wɔdwoɔ asase soɔ nyinaa no.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


ma no mfa n’afono mma deɛ ɔbɔ no, ma ahohora mmee no.


Due, wo a woka kyerɛ dua sɛ: Nyane! Na woka kyerɛ ɔboɔ mum sɛ: Sɔre! Ɛno na ɛbɛkyerɛ adeɛ anaa? Hwɛ, wɔde sika ne dwetɛ adura ho, na ahome biara nni mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan