Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 2:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na afei, ahemfo, monhunu nyansa. Asase so atemmufoɔ, montie afotuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Enti mo ahemfo, munsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na afei, ahemfo, monhunu nyansa. Asase so atemmufoɔ, montie afotuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Enti mo ahemfo, monsua nyansa; monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 2:10
10 Iomraidhean Croise  

Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ, na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ; wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo, na wɔatafere wo nan ase mfuturo, na woahunu sɛ me, mene AWURADE a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.


saa ara na ɔbɛma amanaman pii abobɔ pirie, na ahemfo amuamua wɔn ano wɔ ne ho, ɛfiri sɛ deɛ wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wɔhunu, na deɛ wɔntee da no, wɔte aseɛ.


Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho.


O, Yerusalem, ma wɔnkyerɛkyerɛ wo, na me kra antwe amfiri wo ho, na mamma woannane amamfo, asase a obiara nte soɔ.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osuo rentɔ wɔn soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan