Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 140:2 - Twerɛ Kronkron

2 Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu na wɔhwanyan ɔko mu da biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Wɔn na wɔdwene akoma mu bɔne, daa nyinaa wɔka ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 wɔn a wɔdwene bɔne wɔ wɔn akoma mu na wɔhwanyane ɔko mu da biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Wodwen bɔne wɔn komam, daa nyinaa wɔka ɔko.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 140:2
16 Iomraidhean Croise  

Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni, nanso sɛ mekasa, wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.


Sɛ wɔbɔ wo ho pɔ bɔne na wɔsusu bɔne bi ho a, wɔrentumi nyɛ.


Ɔdwene amumuyɛdeɛ ne kɛtɛ so, ɔde ne nan asi ɔkwan a ɛnyɛ so; bɔne deɛ, ɔnkyi.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.


Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me, na wɔkari m’anammɔn berɛ a wɔtwɛn me kra.


Na hwɛ, wɔtɛ me kra, akokobirefoɔ boaboa wɔn ho ano tia me. AWURADE, ɛnyɛ me mmarato anaa me bɔne nti.


Mobɛha ɔbaakofoɔ akɔsi da bɛn, na mo nyinaa adwiri no sɛ ɔfasuo a akyea ne ɛban a agoɔ?


Nnaadaa wɔ wɔn a wɔdwene bɔne akoma mu, na asomdwoeɛ ho afotufoɔ nya anigyeɛ.


Na wɔasiesie wɔn akoma sɛ fononoo, wɔn atirisopam no mu. Wɔn paanootoni da anadwo nyinaa, anɔpa ɛdɛre sɛ ogya framfram.


Ninewe, wo mu na deɛ ɔdwene AWURADE ho bɔne, deɛ ɔtuu agyina huhuo no fire.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan