Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 11:1 - Twerɛ Kronkron

1 AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE na miguan metoa no, adɛn na muse me kra sɛ: Guan sɛ anomaa kɔ mmepɔw so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 11:1
21 Iomraidhean Croise  

Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.


Na Etiopiafoɔ ne Libiafoɔ no nyɛ dɔm a wɔdɔɔso bebree pa ara, dodoɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mu? Na ɛnam sɛ wotweree AWURADE nti, ɔde wɔn hyɛɛ wo nsa.


Na mese: Ɔbarima a ɔte sɛ me bɛdwane anaa? Na hwan na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛne asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.


Onyankopɔn, fa me sie, na wo na medwane bɛtoa wo.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.


Na me deɛ, wo, AWURADE, so na mede me ho matoɔ. Mese: Wone me Nyankopɔn.


Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ, merensuro, nnipa bɛtumi ayɛ me dɛn?


AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo. Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me!


Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.


Na wɔn a wɔnim wo din de wɔn ho bɛto wo so, ɛfiri sɛ woannya wɔn a wɔhwehwɛ wo, AWURADE.


Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam, sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.


Ɛyɛ dɛn na moka sɛ: Yɛyɛ nnɔmmarima ne akofoɔ akokoɔdurufoɔ?


Dɔn no ara mu na Farisifoɔ bi ba bɛsee no sɛ: Firi ha kɔ! Na Herode repɛ wo aku wo.


Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid fie sɛ wɔnkɔwɛn no na wɔnku no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.


Na Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abɔfra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.


Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.


Na Dawid kɔtenaa ɛserɛ so bepɔ so atenaeɛ ahodoɔ no mu; na ɔtenaa bepɔ bi so Sif serɛ so. Na Saulo hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa.


Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan