Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfo nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:1
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman mu no nyinaa, ɛfiri nketewa so kɔsi akɛseɛ soɔ ka ne ho. Na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa aso mu.


Na Hilkia bua see Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mmara nwoma no na mahu no AWURADE fie yi. Na Hilkia de nwoma no maa Safan.


Na ɔhene no foro kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ nyinaa ka ne ho, ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne ɔman no nyinaa, ɛfiri ɔkɛseɛ so de kɔsi akumaa so, na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm nyinaa guu wɔn aso mu.


Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba


Na Esra asiesie n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ AWURADE mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Israel.


Na nwoma a Ɔhene Artasasta de maa Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ a ɔtwerɛɛ AWURADE mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde hyehyɛɛ Israel no mu nsɛm no, ne nsususoɔ nie:


ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.


Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.


Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ.


Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel de kɔsii Nsuo Pono no ntentensoɔ apueeɛ, ne abantenten a ɛfiri adie no fam.


Ɛnna ɔman no firii adi kɔfa baeɛ, na wɔbobɔɔ asese fae, obiara wɔ ne dan atifi ne n’adihɔ, ne Nyankopɔn fie abannwa so, ne Nsuo Pono no ho mpraeɛ so ne Efraim Pono no ho mpraeɛ so.


Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Na wɔde deɛ Mose hyɛeɛ no baa ahyiaeɛ ntomadan no anim, na asafo no nyinaa twe bae bɛgyinaa AWURADE anim.


Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yei nti ɔtwerɛfoɔ biara a wɔayɛ no osuani ama ɔsoro ahennie no te sɛ efiewura bi a ɔfiri n’agyapadeɛ mu yi nnoɔma foforɔ ne dada adie.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


sɛ: Mose akonnwa so na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena.


Hwɛ, yei nti meresoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne Atwerɛfoɔ aba mo nkyɛn, na mobɛkum wɔn mu bi abɔ wɔn asɛnnua mu, na moaka wɔn mu bi mpire mo hyia adan mu, na moataa wɔn afiri kuro mu akɔ kuro mu;


a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu.


Ɛnna Israelfoɔ nyinaa tuiɛ, na asafo no ano bɛhyiaa sɛ onipa baako, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa AWURADE nkyɛn.


Na ɔman no nyinaa sɔre gyinaa sɛ ɔbarima baako kaa sɛ: Yɛn mu biara renkɔ ntomadan mu, na yɛn mu biara remmane ne fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan