Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:5 - Twerɛ Kronkron

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn amɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn ammɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:5
17 Iomraidhean Croise  

Na Yoab soma maa wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi firi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dane wo ho oyiyɛni, na hyɛ ayiyɛ ntadeɛ, nso nsra ngo, na yɛ sɛ ɔbaa a ɔfiri gyam owufoɔ akyɛreɛ.


na ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,


Ɔno so na Tekoafoɔ no bɛtoaeɛ miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu mu abantenten kɛseɛ a ɛfiri adie no ntentensoɔ kɔsii Ofel fasuo no ho.


Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu.


Na ɛpono dada no, Pasea ba Yoida ne Besodeia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn na wɔsamm soɔ, na wɔsii n’apono ne ne mpratwom ne n’adaban.


Na mekasa mekyerɛɛ Yudahene Sedekia sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa teɛ sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔnnua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.


Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn;


Na ɛbɛba sɛ ɔman ne ahennie a wɔnsom ɔno Babelhene Nebukadnessar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔnnua aseɛ no, afena ne ɛkɔm ne owuyadeɛ na mede bɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm nie, akɔsi sɛ mɛdwerɛ wɔn ne nsam.


O Benyamin mma, mommɔ mo ho adwaa mfiri Yerusalem! Na monhyɛne totorobɛnto wɔ Tekoa, na monsi frankaa Bet-hakerem! na adebɔne bi ne ɔsɛeɛ kɛseɛ repue afiri atifi fam.


Amos a ɔwɔ Tekoa nnwanyɛnfoɔ mu nsɛm a ɔhunuu no n’ani soɔ, Israel ho, ɛwɔ Yudahene Usia berɛ soɔ ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ, mfeɛ mmienu ansa na asasewosoɔ no reba nie.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ?


Na, anuanom, mpo monhwɛ mo frɛ no, sɛ ɛnyɛ honam fam anyansafoɔ bebree, ɛnyɛ atumfoɔ bebree, ɛnyɛ adehyeɛ bebree na wɔafrɛ wɔn,


AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros, dome na monnome emutefoɔ no, sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE, wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan