Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananel Abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔfo panyin Eliasib ne ne nuanom asɔfo no sɔree na wosii Nguan pon no. Wɔn na wɔyɛɛ no kronkron na wosisii n’apon no. Wɔyɛɛ no kronkron kosii Ɔha abantenten no ho de kosii Hananeel abantenten no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:1
19 Iomraidhean Croise  

Na Yesua woo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,


Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.


de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.


Na Ɔsɔfopanin Eliasib ba Yoiada mma mu baako ayɛ Horonni Sanbalat ase. Na mepamm no firii me ho.


Na yei nnya mmaeɛ no, na Ɔsɔfoɔ Eliasib a wɔde no sii yɛn Nyankopɔn fie mpia soɔ, a ɔyɛ Tobia busuani no


Ɔno so na Sabai ba Baruk bɛtoa bɔɔ mmɔden miamiaa esini a ɛka ho no mu firi ntweaso no ho de kɔsii Ɔsɔfo panin Eliasib fie pono ano.


Ɔno so na Hakos ba Uria ba Meremot bɛtoa miamiaa esini a ɛtɔ so mmienu no mu de firi Eliasib fie pono ano kɔsii Eliasib fie awieeɛ nohoa.


Na ntweaso abansoro dan no ne Nnwan Pono no ntam no, sika adwumfoɔ ne adwadifoɔ na wɔmiamiaa mu.


Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano),


Na ɛbaa sɛ wɔtoo afasuo no, na mesii apono no, wɔhyehyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ ne Lewifoɔ.


Mɛma wo so, AWURADE, ɛfiri sɛ woayi me, na woamma m’atamfoɔ ani annye, me nti.


Momfa Sion ho ntwa ho kɔntɔnkrɔn, monkan n’abantenten,


Fa w’akwan nyinaa hyɛ ne nsa, na ɔno na ɔbɛtene w’akwan.


Fa w’ahonyadeɛ hyɛ AWURADE animuonyam, ne wo nnɔbaeɛ mu adikan nyinaa;


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ wɔbɛkyekyere kuro no ama AWURADE afiri Hananel abantenten ho akɔsi ntweaso ponkɛseɛ soɔ,


Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.


Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.


Na ahwɛfoɔ no nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a wasi dan foforɔ na ɔmmuee ano no, ma no nsane nkɔ ne fie, na wantɔ ɔko mu na obi ankɔbue ɛdan no ano.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan