Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:8 - Twerɛ Kronkron

8 ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwaeɛ so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpunan ama Asɔredan no aban ano apono, kuropɔn no afasuo ne mʼankasa me fie.” Na ɔhene no penee saa abisadeɛ yi nyinaa so, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no wɔ me so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 ne nhoma nso a mede mekɔma ɔhene kwaehwɛfo Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ ofi no ho no apon no mpuran, ne kurow no fasu no de, ne ofi a merekɔ mu no de no. Na me Nyankopɔn ayamye nsa a ɛwɔ me so no nti, ɔhene no maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:8
18 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaa sɛ: Wɔremfrɛ wo din Yakob bio, na wɔbɛfrɛ no Israel, ɛfiri sɛ wo ne Onyankopɔn ne nnipa ako, na woatumi.


Nanso Yudafoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn ani ku wɔn ho nti, wɔansi wɔn kwan kɔsii sɛ asɛm no kɔduruu Dario nkyɛn ansa, na wɔde yei ho nwoma sane baa bio.


na wɔdii apiti dapɔnna nnanson, anigyeɛ mu, ɛfiri sɛ AWURADE maa wɔn ani gyee, na ɔkomm Asiriahene no akoma baa wɔn so, maa no hyɛɛ wɔn abasam den, Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no, fie adwuma no mu.


Na me na merehyɛ makyerɛ deɛ monyɛ mma Yudafoɔ mpanimfoɔ no na wɔnsi Nyankopɔn fie no: Ɛne sɛ, ɔhene nnoɔma a ɛne asuogya toɔ no, wɔmfa mu bi ntua ahweredeɛ no ka pɛpɛɛpɛ mmammarima no, na amma wɔannyae.


ɔno Esra no foro firi Babel bae, nso ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a na wawedare Mose mmara a AWURADE Israel Nyankopɔn de maeɛ no mu. Ɔno na ɔhene de deɛ ɔbisaeɛ nyinaa maa no, ɛfiri sɛ na AWURADE ne Nyankopɔn nsa wɔ ne so.


Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no so, wɔhyɛɛ sɛ ɔmfiri Babel mforo nkɔ. Na bosome a ɛtɔ so nnum no, da a ɛdi kan no, ɔbaa Yerusalem, ɛfiri sɛ ne Nyankopɔn ayamyɛ nsa no wɔ ne so.


Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,


Ɔhene akoma te sɛ asutene AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdane korɔ.


meyɛɛ turo ahodoɔ ne baabi a yɛtu mpasa a masiesie hɔ, na metetɛɛ mu nnua a ɛso aba ahodoɔ nyinaa bi;


meyeyɛɛ nsuo atadeɛ, na mede mu nsuo magugu kwaeɛ a nnua fefɛ wɔ mu no so;


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na ɛnam sɛ Onyankopɔn di m’akyire nti, na megyina hɔ de abɛduru nnɛ yi, na medi nnipa nketewa ne akɛseɛ adanseɛ, na menka biribiara sɛ deɛ adiyifoɔ ne Mose kaa sɛ ɛbɛba no:


Na ɔyii no firii n’amanehunu nyinaa mu na ɔmaa no adom ne nyansa Farao a ɔyɛ Misraim hene no anim, na ɔde no sii Misraim ne ne fie nyinaa so amrado.


Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan