Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 10:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnipa a wogyee nhoma no too mu na wɔsɔw ano no ni: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase no ne Sedekia,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nwoma a wɔgye too mu na wɔsɔɔ ano, saa edin yi na na ɛwɔ mu: Hakalia babarima Nehemia a na ɔyɛ amrado. Asɔfoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ aseɛ no ne Sedekia,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 10:1
11 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔpamm AWURADE anim, sɛ ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.


Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ.


Na amrado ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de urim ne tumim bɛkyerɛ wɔn gyinabea.


Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislew mu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no,


Seraia, Asaria, Yeremia,


ne sɛ yɛremfa yɛn mmammaa mma asase no sofoɔ, nanso yɛremfa wɔn mmammaa mma yɛn mmammarima.


Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de urim ne tumim bɛkyerɛ.


Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu.


Na Nehemia a ɔne amrado no ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no ne Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛɛ ɔman no ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn. Monnni abooboo, na monnsu nso. Na ɔman no nyinaa tee mmara nsɛm no no, na wɔresu.


Na yei nyinaa nti, yɛrepam nokorɛ apam, na yɛretwerɛ, na yɛn mmapɔmma, yɛn Lewifoɔ ne yɛn asɔfoɔ asɔ ano.


Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan