Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mudi me mmara nsɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asu akɔ asase ano nohɔ koraa a, mede mo bɛsan aba faako a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din anuonyam no.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 na sɛ mosan ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnne sɛ wɔpam mo kɔ ɔsoro ano noho a, ɛhɔ ara na mefi maboaboa mo ano mede mo maba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:9
28 Iomraidhean Croise  

na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wɔbɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.


Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.


Na Onyankopɔn a ɔma ne din tena hɔ no bɛbutu ɔhene ne ɔman biara a wɔtene wɔn nsa dane ani, sɛ wɔbɛbubu Nyankopɔn fie yi wɔ Yerusalem. Me Dario na mahyɛ mmara yi, ma wɔnni so pɛpɛɛpɛ.


Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.


na waboaboa wɔn ano afiri nsase soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam.


AWURADE na ɔkyekyere Yerusalem, ɔpɔn Israelfoɔ a wɔapete wɔn.


Na wama frankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asesabɔfoɔ aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔahweteɛ no afiri asase ntwea nnan so abɛhyia.


Ɛda no ɛbɛba sɛ AWURADE bɛpore n’aba afiri Asuo Eufrate no hweamo ano akɔsi Misraim subɔn no ano, na wɔatase mo, Israel mma, mmaako mmaako.


AWURADE Nyankopɔn a ɔboa Israel adamfikyi ano no asɛm nie: Mɛkɔ so maboa nnipa ano mapae wɔn a wɔaboa wɔn ano no so.


Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako.


Mma akyirisanfoɔ, monsane mmra, AWURADE asɛm nie, na mene mo wura; na mɛfa mo, kuro biara mu, ɔbaako, na abusua biara mu, baanu, na mede mo aba Sion.


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔman bi firi atifi fam asase so reba, na ɔman kɛseɛ bi akanyan ne ho firi asase anoano tɔnn,


Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monsane na monnane mo ho mfiri mo abosonhunu no ho, na monnane mo ani mfiri mo akyiwadeɛ no nyinaa ho.


Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.


Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a,


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afiri owia apueeɛ ne atɔeɛ asase so,


Na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ ama wɔde totorobɛnto a ne nne so aba; na wɔaboaboa wɔn a wɔayi wɔn no ano afiri wiase mframa nnan no mu afiri ɔsoro ano akɔpem ano.


Sɛ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato hɔ no ne wo ntam ware a, ɛnneɛ kum w’anantwie ne wo nnwan a AWURADE de ama woɔ no bi, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, na di no wo kuro mu, sɛdeɛ wo kra kɔn dɔ;


na mmom faako a ɔbɛyi mo mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛtoɔ na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkorɔ;


Na sɛ nsɛm yi nyinaa, nhyira ne nnome a mede masi w’anim yi ba wo so, na wokae wɔ amanaman a AWURADE wo Nyankopɔn apamo wo akɔ hɔ no nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan