Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 1:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ me se, “Nneɛma nkɔ yiye mma wɔn a wɔsan kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛse ne animguase aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem fasu no agu fam, na wɔahyew apon no nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nneɛma nkɔ yie mma wɔn a wɔsane kɔɔ Yudaman mu no. Ɔhaw kɛseɛ ne animguaseɛ aka wɔn. Wɔabubu Yerusalem ɔfasuo no agu fam, na wɔahye apono no nso.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkae a wɔaka hɔ asase no so no, wɔwɔ amane kɛse ne ahohora mu, na Yerusalem afasu no abubu, na n’apon nso, wɔde ogya ahyew.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 1:3
33 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne nkasadwaa aman nyinaa mu.


Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no dwirii Yerusalem afasuo no hyiae.


Na wɔhyee Nyankopɔn fie no, na wɔdwirii Yerusalem fasuo no, na emu aban afɛfɛ nyinaa, wɔde ogya hyee, na emu afɛfɛdeɛ nyinaa sɛee.


Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu.


Ma ɔhene nhunu sɛ yɛsii mu kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie hɔ, na wɔde aboɔ akɛseɛ resi, na wɔde nnua agugu afasuo no so, na adwuma no a wɔreyɛ no rekɔ so, na ɛrekɔ so yie wɔ wɔn nsam.


Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.


Na mefaa Bonhwa Pono no mu mefirii adi anadwo no mefaa ntweaseɛ nsuo aniwa no anim mekɔɔ Sumina Pono ano, na mehwɛɛ Yerusalem afasuo a abubuo ne n’apono a wɔde ogya ahyeɛ no.


Ɛnna mesee wɔn sɛ: Mo ara mohunu amaneɛ a yɛwɔ mu, sɛ Yerusalem ayɛ akurofo, na ɛho apono nso, wɔde ogya ahyeɛ. Mommra mma yɛnto Yerusalem afasuo no, na yɛanyɛ ahohora bio.


na mesee ɔhene no sɛ: Ɔhene nkwa so kɔsi daa. Ɛdeɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ, sɛ kuro a m’agyanom adamena wɔ mu no ayɛ akurofo na wɔde ogya ahye n’apono no.


Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.


Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, —


Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.


Onipa a ɔntumi nhyɛ ne ho so no te sɛ kuro a abubuo a afasuo nni ho.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.


Na afei merema moahunu deɛ merebɛyɛ me bobeturo no: Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so;


na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;


Na mede afena, ɛkɔm ne owuyadeɛ bɛti wɔn, na mama wɔadwane wɔn ho asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadane nnome ne ahodwirideɛ ne fɛdie ne ahohoradeɛ, amanaman a mapam wɔn akɔ hɔ no mu,


Na ahemfie ne ɔmanfoɔ no afie deɛ, Kaldeafoɔ no de ogya hyee, na wɔdwiridwirii Yerusalem afasuo no.


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio.


Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa, nanso monnsɛe no nnwie mompempane ne mman, na wɔnyɛ AWURADE dea.


Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔne ankɔbeahene baeɛ no nyinaa dwirii Yerusalem afasuo no nyinaa hyiae.


Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu wakae n’afɛfɛdeɛ a na ɛwɔ hɔ firi tete nna mu no nyinaa; ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam na wannya ɔboafoɔ biara no, n’ahohiahiafoɔ ani gyee, na wɔseree n’ahweaseɛ no.


N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadeɛ.


AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa, wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,


AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora!


Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa.


na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan