Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 2:4 - Twerɛ Kronkron

4 nteaseɛnam bɔ dam mmɔntene so, ɛminiminam mprama so; ɛho te sɛ tɛnee, ɛnenam sɛ anyinam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nteaseɛnam no twiw fa mmɔnten so, na wodi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛredɛw; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 nteaseɛnam bɔ dam mmɔntene so, ɛminiminam mprama so; ɛho te sɛ tɛnee, ɛnenam sɛ anyinam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nteaseɛnam no twi fa mmɔntene so, na wɔdi akɔneaba. Wɔte sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ; wɔbɔ yerɛdɛ te sɛ anyinam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 nteaseɛnam bɔ dam mmɔnten so, efi ti kɔ ti, mprama so; ɛho te sɛ agyatɛn, ɛnenam sɛ anyinam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 2:4
10 Iomraidhean Croise  

Ɔnsuro sukyerɛmma mma ne fiefoɔ, na ne fiefoɔ nyinaa firafira atankɔkɔɔ.


Wonam wo nkoa so asopa AWURADE aka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ maforo makɔ mmepɔ atifi, Lebanon mu nohoa tɔnn; na matwitwa ne ntweneduro atentene ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu, na makɔ makɔduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu.


Na hwɛ, AWURADE de ogya ne ne nteaseɛnam a ɛte sɛ ahum bɛba, de abufuhyeɛ abɛtua n’abufuo so ka, na ɔde gyaframa ayɛ n’ateatea.


Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!


Montenatena apɔnkɔ so, na nteaseɛnam ntu yirididi na nnɔmmarima no mfiri adi, Etiopia ne Put, akyɛmkurafoɔ no ne Lidiafoɔ a wɔkura tadua pono mu no.


na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so.


N’apɔnkɔ dodoɔ nan ase mfuturo bɛkata wo so, apɔnkɔsotefoɔ, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam gyegyeegye nti, w’afasuo bɛwosowosoɔ, berɛ a ɔrefa w’aponkɛseɛ mu aba mu sɛ wɔreba kuro a wɔabu mu afa no mu.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan