Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 13:4 - Twerɛ Kronkron

4 Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Onihawfo pere hwehwɛ nanso onya hwee, na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔpɛ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Onihafoɔ pere hwehwɛ nanso ɔnnya hwee, na deɛ ɔyɛ adwuma no nya deɛ ɔpɛ biara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Onihawfo kra kɔn dɔ, na onnya, na nsiyɛfo kra bɛdɔ srade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 13:4
26 Iomraidhean Croise  

Na da no ara Isak nkoa ba bɛkaa no abura a wɔtuiɛ no ho asɛm sɛ: Yɛato nsuo.


Wɔbɛkɔ so aso aba nkɔkoraaberɛ, wɔbɛyɛ akɛseɛ ne frɔmfrɔm ara


Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ nsa ma wɔnya wɔn ho.


Nhyira kra bɛdɔre sradeɛ, na deɛ ɔma ebinom meeɛ nso bɛmee.


Deɛ ɔdɔ n’asase no didi mee, na deɛ ɔdi nsɛnhunu akyire nni ti.


Nsiyɛfoɔ nsa bɛdi panin, na aniha nsa bɛyi toɔ.


Onihafoɔ nsa nka ne hanam, na nsiyɛfoɔ deɛ ɔnya onipa adeɛ a ne boɔ yɛ den.


Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ.


Ɔteneneeni tane atorosɛm, na abɔnefoɔ yɛ aniwudeɛ ne ahohoradeɛ.


Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum, twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee.


Ɔkwadwofoɔ akɔnnɔ ku no, ɛfiri sɛ ne nsa nsɔ adeɛ mu.


Nsiyɛfoɔ adwene de adedodoɔ ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde kɔ ohia nko mu.


Mesianee ɔbarima kwadwofoɔ afuo ne onipa a ɔnni tire bobeturo ho,


na hwɛ, na ne nyinaa afu nsansono, na ahyehyewonsa akata ani, na ɛho aboɔ fasuo abubu agu.


Ɔkwadwofoɔ se: Ɛserɛ-mu-sɛe wɔ ɔkwan mu, gyata wɔ mmɔntene so!


Deɛ n’akɔnnɔ so hwanyan ntɔkwa, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no deɛ wɔbɛdɔre sradeɛ.


Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.


Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ.


Mayi m’atadeɛ, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi?


Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa, na ɔde nnepa amee wo kra, na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.


Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ? Ma menwu ateneneefoɔ wuo, na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.


Monnyɛ aduane a ɛsɛeɛ ho adwuma, na mmom aduane a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Nyankopɔn asɔ no ano.


Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ,


Na wɔsane baa Yosua nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔman no nyinaa mmforo nnkɔ; na mmarima bɛyɛ mpennu anaa mpensa nkɔbɔ Ai, nha ɔman no nyinaa mma wɔnnkɔ hɔ, na wɔsua.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan