Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:7 - Twerɛ Kronkron

7 na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Adehufo ani bewu na wobegu asamanfrɛfo anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, efisɛ mmuae biara mfi Onyankopɔn hɔ mma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 na adehunufoɔ no ani bɛwuwu, na nkɔmhyɛfoɔ no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bɛmuamua wɔn ano, ɛfiri sɛ Nyankopɔn mmuaeɛ biara nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 na adehufo no ani bewuwu, na nkɔmhyɛfo no anim asinsiam, na wɔn nyinaa bemuamua wɔn ano, efisɛ Onyankopɔn mmuae bi nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:7
19 Iomraidhean Croise  

Yɛnhunu yɛn nsɛnkyerɛnneɛ, odiyifoɔ bi nni hɔ bio, na yɛn mu biara nnim da ko a ɛbɛkɔ akɔsie.


Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no asisi akɔmfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa.


deɛ ɔma adebisafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ɔkwa, na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔma anyansafoɔ sane akyire, na ɔdane wɔn nimdeɛ nkwaseasɛm;


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Gu ahome komm, nni owufoɔ ho abooboo, fa w’abɔtire bɔ wo ti, na fa wo mpaboa hyɛ wo nan, na nkata w’ano, na nni nnipa aduane.


Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni nnipa aduane,


Na ɔkwatani a yadeɛ no wɔ ne ho nsunsuane ne ntadeɛ mu, na ɔmpɛsɛ ne ti, na ɔnkata ne soro anofafa, na ɔnteam sɛ: Me ho nte, me ho nte!


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mɛma ɛkɔm aba asase no soɔ, ɛnyɛ aduanekɔm anaa sukɔm, na AWURADE asɛm tie deɛ.


Ɛno na wɔbɛsu afrɛ AWURADE, nanso ɔremmua wɔn, na ɔde n’anim bɛhunta wɔn berɛ no mu, sɛdeɛ wɔmaa wɔn nneyɛɛ yɛɛ bɔne no.


Amanaman bɛhunu, na wɔn ani awuwu wɔn mmaninneɛ nyinaa ho; wɔde wɔn nsa bɛtuatua wɔn ano, na wɔn aso nso bɛsisi.


Na ɛda no adiyifoɔ no ani bɛwuwu wɔn adehunu ho, wɔn nkɔmhyɛ no mu, wɔremfira enwi ngusoɔ mfa nsisi bio.


Na Saulo bisaa Onyankopɔn sɛ: Mensiane menti Filistifoɔ no anaa? Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no.


Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Adɛn nti na wohaa me maa meforo baeɛ yi? Na Saulo buaa sɛ: Me ho hiahia me papaapa, na Filistifoɔ ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ɔmmua me bio; ɔmfa adiyifoɔ so, na ɔmfa daeɛ mu nso, enti na mafrɛ woɔ yi, sɛ kyerɛ me deɛ menyɛ.


Na Saulo kɔbisaa AWURADE, nanso daeɛ mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifoɔ anomu oo, AWURADE ammua no.


(Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan