Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:5 - Twerɛ Kronkron

5 Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nea Awurade se ni: “Adiyifo a wɔdaadaa me nkurɔfo no de, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoe nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifo no siesie wɔn ho sɛ wobetu wɔn so sa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Sei na AWURADE ka tia adiyifoɔ a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoeɛ! na deɛ ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anomu no, wɔkyere ne so sa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Deɛ Awurade seɛ nie: “Adiyifoɔ a wɔdaadaa me nkurɔfoɔ no deɛ, obi ma wɔn biribi di a wɔpae mu ka asomdwoeɛ nsɛm, na sɛ wɔamma wɔn biribi anni a, adiyifoɔ no siesie wɔn ho sɛ wɔbɛtu wɔn so sa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛɛ na AWURADE ka tia adiyifo a wɔdaadaa me man na wɔde wɔn se ka na wɔka sɛ: Asomdwoe! Na nea ɔmfa biribi nhyɛ wɔn anom no, wɔnoa no so sa no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:5
25 Iomraidhean Croise  

Animhwɛ nyɛ, nso aduane afono ma so mpo na onipa bɛdi asɛmmɔne.


Me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ, na mmaa di wɔn so. Ao, me man, w’akwankyerɛfoɔ yɛ nnaadaafoɔ, na wɔsɛe w’akwan tempɔn no.


wɔdwene sɛ wɔbɛma me man werɛ afiri me din, wɔn adaeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no nti, sɛdeɛ Baal nti wɔn agyanom werɛ firii me din no?


Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsoso atorɔ adaeɛ no anya, AWURADE asɛm nie; wɔn deɛ, wɔkeka adaeɛ no, na wɔde wɔn atorosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na wɔn ho remma ɔman yi mfasoɔ biara, AWURADE asɛm nie.


Na wɔasa me man kuro adwenhare so aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ.


Monkyere ne so ɔsa, monsɔre mma yɛnkɔtoa no awia ketee. Yɛnnue, na adeɛ resa, na anwummerɛ sunsum mu atwe.


Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ; na wɔanyi w’amumuyɛ no so, sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba. Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.


Na me nsa bɛba adiyifoɔ a wɔhunu ahuhudeɛ na wɔhyɛ nkɔntorɔ no so: Wɔrentena me man badwa no mu, na wɔrentwerɛ wɔn din Israel fie edintwerɛ no mu, na wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Enti wobɛsunti awia, na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.


Mompae yei amanaman mu, monnwira ɔsa ho, monnyane nnɔmmarima, akofoɔ nyinaa ntwe mpini, wɔmforo mmra.


Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.


Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Kristo, na mmom wɔsom wɔn ara yafunu, na wɔde tɛkyerɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wɔnnim bɔne no akoma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan