Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼabo agu obon mu ama ne fapem ho ada hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti mɛyɛ Samaria kuro no mmubuiɛ sie, baabi a wɔbɛyɛ bobe turo. Mehwie nʼaboɔ agu bɔnhwa mu ama ne fapem ho ada hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Enti mede Samaria mɛyɛ wuram abokuw wɔ aman anim ne abobe atɛwee, na mede n’abo megu obon no mu, na mayi ne nnyinaso adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:6
19 Iomraidhean Croise  

Nanso sɛ ɔtwe ne ho kɔ kuro bi mu a, Israel nyinaa de ntampehoma bɛto kuro no ho, na yɛatwe akɔ bɔnhwa mu akɔsi sɛ wɔrenhunu ɔboɔ ketewa baako mpo wɔ hɔ.


na mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no wɔfae. Hesekia afe a ɛtɔ so nsia a ɛne Israelhene Hosea afe a ɛtɔ so nkron no mu na wɔfaa Samaria.


Na ɛbaa sɛ, Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so nnan a ɛyɛ Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so nson mu no, Asiriahene Salmaneser foro baa Samaria so bɛkaa no hyɛɛ mu,


Adɛn wontee, sɛ mefiri meyɛeɛ akyɛreɛ? Na mefiri tete mmerɛ mu na mehyɛɛ no saa, na mama no aba mu, sɛ wɔnsɛe nkuro a afasuo atwa ho ahyia mma no nnanedane akurofo akuakuo,


Damasko ho atemmusɛm. Hwɛ, Damasko renyɛ kuro bio, na ɛbɛyɛ nkunkumaboɔkuo.


Na n’afasuo a ɛyɛ den a ɛkorɔn no, ɔbɛbrɛ no ase adwiri agu fam, mfuturo mu.


Na woadane kuro nkunkumaboɔkuo, woama abandenden ayɛ abansini; ananafoɔ aban afɛfɛ nyɛ kuro bio, na wɔrento bio da biara da.


Wobɛtɛ bobe nturo wɔ Samaria mmepɔ so bio; atɛfoɔ bɛtɛ, na wɔbɛdi so aba nso.


Hwɛ, me ne wo anya, bepɔ sɛefoɔ, AWURADE asɛm nie, wo a wosɛe asase nyinaa, wo so na matene me nsa, na mamunimuni wo afiri ɔbotan so, na mayɛ wo bepɔ a ahyeɛ.


na Babel ayɛ akuakuo ne ɛserɛ so kraman tenabea, ahodwirideɛ ne fɛdie, na obiara rentena hɔ.


Na mɛyɛ Yerusalem nkunkumaboɔ akuakuo, ɛserɛ so kraman tenabea, na madane Yuda nkuro amamfo a obiara nte hɔ.


Ao, sɛ sika abiri tumm, hyerɛmmoɔ pa no asakyera nie! Wɔatoto kronkronbea aboɔ no agu mmorɔno nyinaa so.


Na mɛdwiri fasuo a mode akaadoo kaa ho no agu ama no aka fam, na ne nnyinasoɔ ada adi, na ahwe ase, na moadwerɛ wɔ mu, na moahunu sɛ, mene AWURADE.


Samaria tiri ato, sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua; afena ano na wɔbɛtotɔ; wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ, na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


AWURADE Nyankopɔn aka ne ho ntam, AWURADE, (asafo Nyankopɔn, asɛm nie): Me deɛ, mekyi Yakob ahantan, na metane n’aban denden no, na mɛyi kuro no ne ne mayɛ ama.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Wofirii adi sɛ worebɛgye wo man, worebɛgye deɛ wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefoɔ ti, womaa ne ho daa hɔ firi n’atifi de kɔsii ne nan ase. Sela


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan