Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ: Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu ka kyerɛɛ asraafo so panyin no se, “Kɔ fie. Nea wugye di no mmra mu saa mma wo!” Abofra no ho tɔɔ no saa bere no ara mu!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na Yesu see asraafoɔ ɔha so panin no sɛ: Kɔ, na sɛdeɛ woagye adie no, ɛnyɛ hɔ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu, n’abɔfra no ho sanee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu ka kyerɛ asraafoɔ panin no sɛ, “Kɔ efie. Deɛ wogye die no aba mu ama wo!” Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, abɔfra no ho tɔɔ no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na Yesu see asraafo ha so panyin no sɛ: Kɔ, na sɛnea woagye adi no, ɛnyɛ mma wo! Na ɛdɔn no ara mu n’abofra no ho tɔɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:13
10 Iomraidhean Croise  

Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.


Na ɔsee wɔn sɛ: Ɛfiri sɛ mo gyidie sua; na nokorɛ mese mo sɛ, mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔ yi sɛ: Tu firi ha kɔ nohoa, na ɛbɛtu, na anka biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.


Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ: Ɔbabaa, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo. Na ɛfiri dɔn no ara mu no na ɔbaa no ho yɛɛ no den.


Na Yesu see no sɛ: Asɛm yi nti, kɔ! Honhommɔne no afiri wo babaa no mu.


Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die.


Yesu see no sɛ: Kɔ, wo ba no ho ayɛ no den! Na onipa no gyee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no diiɛ, na ɔkɔeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan