Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:21 - Twerɛ Kronkron

21 Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahemman mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛnyɛ obiara a ɔse me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu, na mmom gye deɛ ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 “Ɛnyɛ obiara a ɔbɔ me din ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahennie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:21
49 Iomraidhean Croise  

Na obiara a ɔbɛyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne onuabaa ne ɛna.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Bio, nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokorɔ asase so wɔ asɛm biara a mobɛbisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro no bɛyɛ ama mo.


na ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro ahennie no mu.


Saa ara na sɛ mo mu biara amfiri n’akomam amfa ne nua mfomsoɔ ankyɛ no a, me soro Agya nso bɛyɛ no.


Na bio mese mo sɛ, ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ tokuro mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na wɔrekɔ akɔtɔ bie no, ayeforɔkunu no baeɛ, na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase, na wɔtoo pono no mu.


Ne wura no see no sɛ: Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nnoɔma pii so; kɔ wo wura anigyeɛ mu!


Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.


Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.


Na obiara a ɔbɛyɛ deɛ Onyankopɔn pɛ no, ɔno ara ne me nuabarima ne me nuabaa ne me na.


Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu! Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,


Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Na ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?


Sɛ monim me a, anka moahunu m’Agya no nso; na ɛfiri nnɛ monim no, na moahu no.


Deɛ ɔtane me no tane m’Agya no nso.


Yesu buaa sɛ: Mereka no nokorɛ mu pefee akyerɛ wo sɛ: Wɔamfiri nsuo ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛne Nyankopɔn ahennie mu.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


Na yei ne m’Agya no apɛdeɛ, sɛ obiara a ɔhunu Ɔba no na ɔgye no die no nnya daa nkwa; na mɛnyane no ɛda a ɛdi akyire no.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Na ɛnyɛ mmaratiefoɔ na wɔyɛ ateneneefoɔ wɔ Nyankopɔn anim, na mmom mmara sodifoɔ na wɔbɛbu wɔn bem.


ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom sɛ Kristo nkoa a wɔfiri akoma mu yɛ Nyankopɔn apɛdeɛ,


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa odima ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ahoteɛ. Monyi mo ho mfiri adwamammɔ mu,


Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


ɔnsiesie mo adepa biara mu mma monyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔmfa Yesu Kristo so nyɛ mo mu ade a ɛsɔ n’ani. Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.


Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kane no ankɔ mu nti,


Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.


Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mode papayɛ si nnipa a wɔnni adwene no nkwaseasɛm ano,


na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama Nyankopɔn apɛdeɛ.


na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn, na ɔbɛbobɔ wɔn sɛ ɔnwomfoɔ nkukuo,


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan