Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:5 - Twerɛ Kronkron

5 Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kogyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kuro kronkron no mu, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie no atifi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Ɛnna ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron no mu, na ɔde no kogyinaa asɔrefi no atifi,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:5
11 Iomraidhean Croise  

Na ntwonoowa a ɛwɔ ɛdan no trɛ anim no, ne ntwemu yɛ basafa du, na ne korɔn, basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam.


Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.


Lewifoɔ a wɔwɔ kuro kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe nnan.


Na wɔde kuro kronkron no frɛ wɔn ho, na wɔtwere Israel Nyankopɔn a asafo AWURADE ne ne din no.


O Sion, nyane ɛ, nyane ɛ! hyɛ w’ahoɔden! O Yerusalem, kuro kronkron, hyɛ w’animuonyam atadeɛ! na momonotoni ne deɛ ne ho nteɛ biara renkɔ so nhyɛne wo mu bio.


na ne nyane akyiri no, wɔfiri wɔn aboda mu kɔɔ kuro kronkron no mu kɔyiyii wɔn ho adi kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree.


Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kɔgyinaa asɔrefie atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba a, to wo ho firi ha twene fam!


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan