Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:18 - Twerɛ Kronkron

18 Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ apopofo sɛ wɔregu asau wɔ po no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforo nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

18 Na Yesu nenam Galilea po ho no, ɔhunuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asau ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Na Yesu nenam Galilea po ho no, ohuu anuanom baanu, Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea, sɛ wɔregu asawu ɛpo mu; na wɔyɛ apofofo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:18
23 Iomraidhean Croise  

Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho.


Na afei bra, na mensoma wo Farao nkyɛn, na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Misraim.


Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.


na ɛhyeɛ no mfiri Sefam nsiane nkɔ Ribla, Ain apueeɛ, na ɛhyeɛ no nsiane ara nkɔpem Kineret Po no nsunoa, apueeɛ;


Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne nua Yohane,


Na Yesu firi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔ so kɔtenaa ase wɔ hɔ.


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommɛdi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifoɔ.


Na ɔfiri Tiro ahyeɛ so nam Sidon baa Galilea po ho faa Dekapoli ahyeɛ so.


Simon a ɔfrɛɛ no Petro ne ne nua Andrea, Yakobo ne Yohane, Filipo ne Bartolomeo,


Yeinom akyiri no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafoɔ no bio Tiberia po ho. Na sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛeɛ nie:


Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya.


Na asuafoɔ no mu baako, Andrea, Simon Petro nua, ka kyerɛɛ no sɛ:


Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan