Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 23:7 - Twerɛ Kronkron

7 ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ wode obu kyia wɔn wɔ abɔnten so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a ɛyɛ wɔn dɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 ne edwam nkyea, ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Sɛ wode obuo kyea wɔn abɔntene so na wofrɛ wɔn ‘Rabi’ anaa ‘Owura’ a, ɛyɛ wɔn dɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 23:7
19 Iomraidhean Croise  

Na hwan ho na mede nnɛ mma yi bɛtoɔ? Wɔte sɛ mmɔfra a wɔtete edwa ase refrɛfrɛ wɔn mfɛfoɔ sɛ:


Na mo deɛ, wɔmmfrɛ mo Rabi; na ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa yɛ anuanom.


Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka.


Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano.


Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma woɔ? Na onifirani no see no sɛ: Rabuni, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!


Na Petro kaee, see no sɛ: Rabi, hwɛ borɔdɔma a wodomee no no awu!


Na ɔsee wɔn ne nkyerɛkyerɛ mu sɛ: Monhwɛ yie wɔ Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, ne edwa ase nkyea


Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano.


Na Petro see Yesu sɛ: Rabi, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese mmiɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.


Mo Farisifoɔ, monnue, sɛ mopɛ mpanimfoɔ tenaberɛ wɔ hyia adan mu ne edwa mu nkyea.


Na Yesu danee ne ho na ɔhunuu wɔn sɛ wɔdi n’akyire no, ɔbisaa wɔn sɛ: Morehwehwɛ deɛn? Na wɔsee no sɛ: Rabi (ne nkyerɛaseɛ ne Kyerɛkyerɛfoɔ), ɛhe na woteɛ?


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


Asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, nnansa yi ara, na Yudafoɔ rehwehwɛ sɛ wɔsi wo aboɔ, na worekɔ hɔ bio yi?


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).


ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Na wɔbaa Yohane nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, deɛ ɔbaa wo nkyɛn Yordan agya nohoa a wodii ne ho adanseɛ no, hwɛ, ɔno nso rebɔ asu, na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.


Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi!


Na wɔhunuu no ɛpo no agya no, wɔsee no sɛ: Rabi, da bɛn na wobaa ha?


Na n’asuafoɔ bisaa no sɛ: Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’awofoɔ, sɛ wɔwoo no onifirani yi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan