Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 18:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa na tow kyene. Eye ma wo sɛ wode dɛmdi bɛkɔ ɔsoro sen sɛ wɔde wo nipamu bɛto ogyatannaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo suntidua a, twa, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini anaa nsasini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nsa mmienu anaa nan mmienu, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ wo nsa anaa wo nan to wo hintidua a, twa, na tow fi wo ho kyene! Na eye ma wo sɛ wode nansin anaa basin bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien anaa nan abien, na wɔde wo bɛto daa ogya no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 18:8
22 Iomraidhean Croise  

Na mobɛgu mo dwetɛ ahoni nnuraho ne mo sika agudeɛ nkataho no ho fi. Wobɛto agu sɛ nsabutam, mobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Firi hɔ!


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie?


Nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛrento wɔn suntidua nti, kɔ mpoano kɔto darewa, na apataa a ɔbɛba kane no, wobue n’anomu a, wobɛhunu dwetɛbena wɔ mu, ɛno na fa kɔma ma me ne woɔ.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.


Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.


Anadwo akɔ n’anim, adekyeeɛ abɛn; enti momma yɛnyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akodeɛ.


ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.


Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.


Na ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nnie ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne nnwamammɔfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a egya ne sɔfe dɛre mu no mu, ɛno ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan