Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 16:4 - Twerɛ Kronkron

4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɔman nnebɔneyɛfo a wonnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wobehu ɔsoro nsɛnkyerɛnne bi, nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne foforo biara ka anwonwade a woyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wiee no, ogyaw wɔn hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɔman nnebɔneyɛfoɔ a wɔnnye hwee nni yi hwehwɛ sɛ wɔbɛhunu ɛsoro nsɛnkyerɛnneɛ bi, nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ biara ka anwanwadeɛ a wɔyi kyerɛɛ Yona no ho.” Yesu kaa saa wieeɛ no, ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nnɛ mma bɔne ne awaresɛefo hwehwɛ sɛnkyerɛnne, na wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, gye Yona sɛnkyerɛnne no. Na ogyaw wɔn fii hɔ kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 16:4
15 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ mfeɛ ɔha aduonu.


Na mo deɛ, montwe mmra ha, ɔbaabayifoɔ mma, ɔwaresɛefoɔ ne odwamamfoɔ asefoɔ.


Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.


Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!


Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:


Nso na AWURADE asiesie apataa kɛseɛ bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Na asuafoɔ no duruu asuogya nohoa no, na wɔn werɛ afiri sɛ wɔfa paanoo.


Na ɔguu ahome ne honhom mu kaa sɛ: Adɛn na nnɛ mma yi hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi? Nokorɛ mese mo sɛ, wɔremma nnɛ mma yi nsɛnkyerɛnneɛ biara.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanseɛ, na ɔtuu wɔn fo sɛ: Momma wɔnnye mo mfiri nnɛ mma abusua kontonkye yi mu!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan