Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 10:16 - Twerɛ Kronkron

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifere sɛ awɔ na munnwo sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Monkae sɛ meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mu. Monyɛ anifire sɛ awɔ na monnwo sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anitew sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmorɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 10:16
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?


Na AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Adɛn na woyɛɛ saa? Na ɔbaa no se: Ɔwɔ no na ɔdaadaa me, maa mediiɛ.


Ɛnna mede nnipa sisii aseɛ aseɛ hɔnom, ɔfasuo no akyi, deɛ ɛhɔ deda hɔ no, na mede ɔman no sisii sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, wɔkurakura wɔn nkrantɛ ne wɔn mpea ne wɔn tadua.


Na Ahikam ba Gedalia ka kyerɛɛ Karea ba Yohanan sɛ: Nni saa asɛm yi, na atorosɛm na woreka no Ismael ho yi.


Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.


Hwɛ, maka makyerɛ mo dada.


Na hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu?


Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ mmadwemma.


na mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho.


Na mmadwemma no buaa sɛ: Dabi, ɛrenso yɛn ne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn mmom nkyɛn nkɔtɔ mo deɛ!


Monkɔ! Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwanten akɔ mpataku mu.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.


Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Na ɛnyɛ nwanwa; ɛfiri sɛ Satan no ara mpo dane ne ho sɛ hann bɔfoɔ.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛdeɛ kɛseɛ a yɛsom ho yi ho;


na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,


Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.


Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan