Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 6:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nea Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo pon wɔ nʼahemfi maa ne mpanyimfo, nʼasafohene ne Galilea mpanyimfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɛda a ɛsɛ duruiɛ a Herode redi n’awoda no, ɔtoo pono maa n’atitire ne n’asafohene ne Galilea mpanimfoɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Deɛ Herodia pɛɛ sɛ ɛnyɛ Yohane no baa mu. Ɛne sɛ, na Herode redi nʼawoda, ma ɔtoo ɛpono wɔ nʼahemfie maa ne mpanimfoɔ, nʼasafohene ne Galilea mpanimfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na da a ɛsɛ dui a Herode redi n’awoda no, ɔtow pon maa n’atitiriw ne n’asafohene ne Galilea mpanyimfo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 6:21
15 Iomraidhean Croise  

Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛyɛ Farao awoda no, ɔtoo ne nkoa nyinaa pono, na ɔyii nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ mu panin no de wɔn baa ne nkoa anim;


Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.


Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisan no mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.


Yɛn hene afahyɛ da mu no, nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ. Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ.


Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene,


Enti adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Berenike de ahokeka a ɛte apɔ bae, na wɔne asafohene ne kuro mu hɔ nnipa a wɔwɔ din kɔɔ faako a wɔtie asɛm no, na Festo hyɛeɛ no, wɔde Paulo bae.


Yɛn asetena berɛ a atwa mu no, yɛsɛe berɛ yɛɛ deɛ amanaman mufoɔ no pɛ, sɛ yɛnantee ahohwie, akɔnnɔ, nsaborɔ, agobɔne, didimeeɛ ne abosonsom a wɔkyire mu.


Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan