Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 15:21 - Twerɛ Kronkron

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔrekɔ no, wohyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ofi Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɔkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofi afum retwam a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo n’agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 15:21
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔrefiri adie no, wɔhunuu Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon; ɔno na wɔhyɛɛ no maa no soaa n’asɛnnua no.


Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu.


Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.


Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani.


Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.


Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraa bea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


Monkyea Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan