Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 13:22 - Twerɛ Kronkron

22 Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Atoro agyenkwanom ne atoro adiyifo bɛsɔre wɔ mo mu na wɔayɛ anwonwade ahorow, na sɛ ebetumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ankasa ara mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

22 Na Kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ bɛsɔre wɔ mo mu, na wɔayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ, na sɛ ɛbɛtumi a, wɔadaadaa Onyankopɔn no ara ankasa mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Kristo atorofo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔabɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, na sɛ ebetumi a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 13:22
16 Iomraidhean Croise  

Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.


Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ.


Na ɛno na sɛ obi se mo sɛ: Hwɛ, Kristo no wɔ ha! Anaasɛ: Hwɛ, ɔwɔ hɔ! no a, monnnye nnni.


Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.


Nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na wɔabɛdaadaa nnipa pii.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.


Sɛ odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ bi sɔre wo mu, na ɔma wo nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ bi,


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Mmɔfra nkumaa, ɛdɔn a ɛdi akyire nie. Na sɛdeɛ moate sɛ antikristo no rebɛba no, saa na seesei yi antikristo bebree aba; ɛnna yɛde hunu sɛ dɔn a ɛdi akyire nie.


Wɔfiri yɛn mu na ɛkɔeɛ deɛ, nanso wɔnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenaa hɔ. Na ɛyɛɛ saa na wɔada adi sɛ wɔn nyinaa nka yɛn ho.


Deɛ matwerɛ mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.


Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.


Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan