Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔsomaa Farisifo ne Herodefo bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:13
12 Iomraidhean Croise  

Ahantanfoɔ de fidie ne nhoma ato hɔ ama me, wɔasum me nsɛmma kwankyɛn, wɔasum me apa.


Na wɔn a wɔhwehwɛ me kra no asum me mfidie, na wɔn a wɔpɛ me bɔne no ka me sɛeɛ ho asɛm, na wɔdwene nnaadaasɛm da mu nyinaa.


wɔn a asɛm bi nti wɔtoto nnipa ano, na wɔsum deɛ ɔtenetene wɔ kuro pono mu no fidie, na wɔde asɛnhunu tu ɔteneneeni asɛm guo.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!


Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?


Na Farisifoɔ no firii adie no, ntɛm ara wɔne Herodefoɔ kɔtuu ne ho agyina sɛdeɛ wɔbɛsɛe no.


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho!


na wɔtɛɛ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya n’anom asɛm bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan