Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 12:10 - Twerɛ Kronkron

10 Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Monnkenkan eyi wɔ Kyerɛwsɛm no mu pɛn se: “ ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ dan no twea so tibo;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Monnkanee yei wɔ Atwerɛsɛm no mu pɛn sɛ: “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɛdan no ntweaso tiboɔ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nso monkenkan kyerɛw yi pɛn ɛ, sɛ: Ɔbo a abantofo apo no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea tibo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 12:10
17 Iomraidhean Croise  

Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no?


Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ onipa no, ɔbarima ne ɔbaa na ɔyɛɛ wɔn?


na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?


Na ɛfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, monkenkann deɛ Onyankopɔn kaeɛ no pɛn


Na ɛfa awufoɔ nyane ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma mu wɔ wira no ho sɛdeɛ Onyankopɔn see no sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no?


Ɛdeɛn na bobe turo no wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ.


Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ Dawid yɛeɛ, ɛberɛ a ɛhiaa no, na ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no pɛn?


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkenkanee deɛ ɛkɔm dee Dawid ne wɔn a wɔka ne ho no, ɔyɛeɛ no?


sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan