Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Marko 10:45 - Twerɛ Kronkron

45 Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne kra too hɔ sɛ mpata maa nnipa nyinaa.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

45 Na Onipa Ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyedeɛ ama nnipa pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

45 Na onipa ba no nso amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee, na ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Marko 10:45
16 Iomraidhean Croise  

sɛdeɛ Onipa Ba no amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee, na ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyedeɛ maa nnipa pii ne no.


na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛdi mo kan no, ɔbɛyɛ mo nyinaa akoa.


sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.


Afei sɛ me, Awurade ne Kyerɛkyerɛfoɔ no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho.


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.


Wɔde Kristo yɛɛ abusudeɛ maa yɛn, ama no atɔ yɛn afiri mmara nnome mu, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔsɛne dua soɔ,


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie,


na mmom wɔde Kristo a ɔte sɛ adwammaa a ɔnni dɛm ne nkekaeɛ no mogya a ne boɔ yɛ den no na ɛgyee mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan