Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 7:25 - Twerɛ Kronkron

25 Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Ɛno de, dɛn na muhui? Obi a ofura sirikyi ana? Ahemfi na yehu wɔn a wodi yiye na wofura ntama pa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

25 Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetena mu yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Na ɛnneɛ na ɛdeɛn na mohunuiɛ? Anaa na mosusu sɛ mobɛhunu ɔbarima bi a wahyehyɛ sɛ ɔhene ba te ahemfie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetenam yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 7:25
16 Iomraidhean Croise  

nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu no wanhyehyɛ ne ho sɛ yeinom mu baako.


Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene, na n’aduane ne ntutummɛ ne wiram woɔ.


Na ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, na nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti, na ɔhyɛɛ aweretɔ atadeɛ kataa ne ho, na ɔfiraa aweretɔ sɛ ntoma.


Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibire ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ.


Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene ponkɛseɛ no mu.


sɛ wɔnkɔfa Ɔhemmaa Wasti mmra ɔhene anim, ahennie abotire no mu, na ɔmma aman no ne mmapɔmma no nhunu n’ahoɔfɛ, ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.


n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma nyinaa, ne ne nkoa pono a Persia ne Media dɔm so atumfoɔ ne mmakoma ne amantam no so asafohene no ka ho.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atadeɛ a ɔhyɛ no yɛ aboa nwi, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene. Na ɔse: Ɛyɛ Tisbini Elia.


ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’aforeɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.


Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?


Anaasɛ ɛdeɛn na mofirii adi kɔhwɛeɛ? Onipa a ɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntadeɛ bɔkɔɔ no wɔ ahemfo afie mu.


Na Yohane abɔfoɔ no kɔeɛ no, ɔfirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Ɛdeɛn na mofirii adi kɔɔ ɛserɛ so kɔhwɛeɛ? Mmɛwa a mframa rehim?


Anaasɛ ɛdeɛn na mofiri kɔhwɛeɛ? Odiyifoɔ anaa? Aane, mese mo sɛ, deɛ ɔsene odiyifoɔ mpo ni.


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan