Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 6:8 - Twerɛ Kronkron

8 Nanso ɔhunuu wɔn adwene, enti ɔsee onipa a ne nsa awuo no sɛ: Sɔre gyina mfimfini! Na ɔsɔre gyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu huu wɔn adwene nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no se, “Sɔre begyina anim ha, na obiara nhu wo.” Ɔbarima no sɔre begyinaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Nanso ɔhunuu wɔn adwene, enti ɔsee onipa a ne nsa awuo no sɛ: Sɔre gyina mfimfini! Na ɔsɔre gyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu hunuu wɔn adwene, nanso ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ, “Sɔre bɛgyina animu ha, na obiara nhunu wo.” Ɔbarima no sɔre bɛgyinaa hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Nanso ohuu wɔn adwene, enti osee onipa a ne nsa awu no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! Na ɔsɔre gyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 6:8
19 Iomraidhean Croise  

Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ, na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na ɔnim akoma mu ahuntasɛm.


N’asɛm ano rennwo, na ɔrempa aba de bɛkɔ akɔsi sɛ ɔde atemmuo tenenee bɛsi asase soɔ, na mpoano aman bɛtwɛn ne mmara.


Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu?


Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha.


Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu.


Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na moresusu wɔ mo akoma mu yi?


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Merebisa mo: Ɛdeɛn na ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda, papa anaa bɔne, sɛ wɔbɛgye obi nkwa anaasɛ wɔbɛkum no?


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.


Na ɔhene a mede nnam meka mekyerɛ no yi nim nsɛm yi mu; na megye medi sɛ yeinom biara nhuntaa no, ɛfiri sɛ wɔanyɛ yei kokoa mu.


na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,)


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan