Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 5:11 - Twerɛ Kronkron

11 Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔde akorow no beduu asu no ano hɔ no, wogyaw wɔn nneɛma nyinaa hɔ bedii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔde akodoɔ no baa asase soɔ no, wɔgyaa ne nyinaa hɔ dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔde akodoɔ no bɛduruu nsuo no ano hɔ no, wɔgyaa wɔn nneɛma nyinaa hɔ bɛdii nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wɔde akorow no baa asase so no, wogyaw ne nyinaa hɔ dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 5:11
11 Iomraidhean Croise  

Deɛ ɔpɛ agya anaa ɛna kyɛne me no, ɔmfata me; na deɛ ɔpɛ ɔbabarima anaa ɔbabaa kyɛne me no, ɔmfata me,


Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagya nnoɔma nyinaa hɔ abɛdi w’akyi. Ɛdeɛn koraa na yɛbɛnya?


Na obiara a me nti wagya afie, anaa nuammarima anaa nuammaa, anaa agya anaa ɛna anaa mma, anaa nsase hɔ no, ɔbɛnya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa afa.


Na ntɛm ara wɔgyaa wɔn asau no hɔ, bɛdii n’akyi.


Na ntɛm ara wɔgyaa kodoɔ no ne wɔn agya hɔ bɛdii n’akyi.


Na Yesu hwɛɛ no dinn, na ɔdɔɔ no, na ɔsee no sɛ: Aka wo adeɛ baako: Kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ ɔsoro; na bra bɛdi m’akyi.


Na ɔgyaa biribiara hɔ sɔre bɛdii n’akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan