Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 13:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ, mfirinhyia mmiɛnsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bie. Twa twene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛne soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew borɔdɔma no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ, mfirinhyia mmiɛnsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bie. Twa twene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛne soɔ?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 13:7
11 Iomraidhean Croise  

na afei ma me kwan na me bo nhuru ntia wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛseɛ.


Na sɛ moduru asase no so na motɛ dua biara a wɔdie a, mommu n’aba no sɛ momonotodeɛ; mfeɛ mmiɛnsa na ɛnyɛ mo momonotodeɛ, wɔnnni;


ɛnneɛ, mɛhyɛ me nhyira mama mo afe a ɛtɔ so nsia no mu, na aba mfeɛ mmiɛnsa aduane;


Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.


Na ɔbua see no sɛ: Owura, ma no nsi hɔ afe yi nso nkɔsi sɛ mɛfunifuni ho na magu aseɛ sumina.


Nanso wɔde akuma no ato nnua nhini no ho dada sɛ dua biara a ɛnso aba pa no, wɔbɛtwa ato ogya mu.


Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.


Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan