Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 12:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na mɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ musuro no. Munsuro nea wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔtow kyene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo se, oyi na munsuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, yei na monsuro no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na mɛkyerɛ mo nea munsuro no: Munsuro nea okum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; yiw, mise mo sɛ: Oyi na munsuro no!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 12:5
16 Iomraidhean Croise  

Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.


AWURADE suro mu wɔ ahodasoɔ a emu yɛ den, na ɔbɛyɛ dwanekɔbea ama ne mma.


Hwan na ɔrensuro woɔ, O amanaman Hene? Wo na ɛfata woɔ; amanaman anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.


afiri Kaldeafoɔ no anim, ɛfiri sɛ na wɔsuro wɔn anim, sɛ Netania ba Ismael akum Ahikam ba Gedalia a Babel hene de no si asase no so panin no.


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Na monnsuro wɔn a wɔkum honam na wɔntumi nkum ɔkra, na mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne honam amanehunu kuro mu.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.


sɛ obiara nntra nnkɔsisi ne nua asɛm bi mu, ɛfiri sɛ Awurade ne yeinom nyinaa mu weretɔfoɔ, sɛdeɛ yɛka kyerɛɛ mo kane, na yɛdii mo adanseɛ no.


Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu.


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no.


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Na wɔtoo Owuo ne Asamando twenee ogya tadeɛ no mu. Yei ne owuprenu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan