Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:70 - Twerɛ Kronkron

70 sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

70 sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

70 sɛdeɛ ɔde n’adiyifoɔ kronkron a wɔwɔ hɔ firi teteete no ano kaeɛ no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

70 sɛdeɛ ɔnam nʼadiyifoɔ kronkron so firi teteete hyɛɛ bɔ

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

70 sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:70
18 Iomraidhean Croise  

Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa.


Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma so.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛma tenenee Duban bi so mama Dawid, na ɔbɛdi hene nimdeɛ so, na wabu atɛntenenee ayɛ ade tenenee asase no so.


Enti, nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm nie, na mma w’akoma nntu, O Israel, na hwɛ, meregye wo afiri akyirikyiri, na magye w’asefoɔ afiri wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsane aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obiara renyi no hu.


Na Dawid no ara nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ: Awurade see me wura sɛ: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na wɔn ano ankɔ bɛnkorɔ mu nti, wɔkɔe, berɛ a Paulo kaa asɛm baako sɛ: Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ:


a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu,


Enti, sɛdeɛ Honhom Kronkron ka no: Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,


Wɔyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho nko na wɔsom, na mmom wɔsom mo fa nsɛm a seesei yɛbɔ no dawuro kyerɛ mo ne wɔn a wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no firi soro bɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no. Saa nsɛm yi na abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ wɔbɛhunu mu.


ɛfiri sɛ adiyisɛm bi amfa nnipa pɛ so mmaa pɛn, na mmom Nyankopɔn nnipa kronkron so, sɛdeɛ Honhom Kronkron de wɔn rekorɔ no, na wɔkasaeɛ.


sɛ monkae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no aka ato hɔ, ne yɛn a yɛyɛ mo asomafoɔ ahyɛdeɛ a ɛyɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa deɛ no.


Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan