Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:43 - Twerɛ Kronkron

43 Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

43 Na yei firi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Animuonyam bɛn na ɛsene yei. Me sɛɛ ne hwan a anka mʼAwurade na bɛba abɛsra me?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

43 Na eyi fi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:43
15 Iomraidhean Croise  

AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.


Na ɔno deɛ, ɔsii no kwan sɛ: Me mmom a ɛhia me sɛ wobɔ me asu no na woreba me nkyɛn yi?


na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Wɔahyira wo mmaa mu, na wɔahyira wo yam adeɛ!


Na hwɛ, wo nkyea twaa m’aso mu ara pɛ, akɔkoaa no de ahosan hurii me yam.


sɛ nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo, Awurade no, ama mo wɔ Dawid kurom.


enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na m’akoa no ho nyɛ no den.


Mo deɛ, mofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na moka nokorɛ, na meyɛ.


Toma bua see no sɛ: M’Awurade ne me Nyankopɔn!


Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.


Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,


Ɛnna ɔde n’anim butuiɛ, na ɔkotoo fam na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na manya w’anim adom, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi?


Na ɔsɔre bɔɔ ne tiri ase kotoe kaa sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan