Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 1:2 - Twerɛ Kronkron

2 de kɔma anuanom, ahotefoɔ ne agyidifoɔ wɔ Kristo mu, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 de kɔma anuanom, ahotefoɔ ne agyidifoɔ wɔ Kristo mu, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yɛde kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 de kɔma Kristo mu anuanom, ahotefo ne agyidifo, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn nka mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 1:2
14 Iomraidhean Croise  

Na akronkronfoɔ a wɔwɔ asase soɔ no, wɔne animuonyamfoɔ a wɔsɔ m’ani koraa.


Na Anania buaa sɛ: Awurade, mate ɔbarima yi ho asɛm afiri nnipa bebree anomu sɛ ɔde bɔne pii ayɛ w’ahotefoɔ wɔ Yerusalem,


Me Paulo, metwerɛ de kɔma Nyankopɔn adɔfoɔ a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ no: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo.


de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, wɔn a wɔate wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu afrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefoɔ, ne wɔn a wɔbɔ yɛne wɔn nyinaa Wura Yesu Kristo din wɔ mmaa nyinaa no;


Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.


Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.


Ɛnneɛ na wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔhyira wɔn ne gyidini Abraham bɔ mu.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:


Na deɛ ɛbɛyɛ na mo nso moate me ho asɛm sɛdeɛ meteɛ no, onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafoɔ Tihiko bɛma moahunu ne nyinaa.


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:


sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo.


Adom ne asomdwoeɛ nnɔɔso mma mo, Nyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nimdeɛ mu.


Mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ ne ɔdɔ nnɔɔso mma mo.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan