Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 8:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na wɔn deɛ, wɔaforo kɔ Asiria; ewiram afunumu na ɔno nko ate ne ho; Efraim abobɔ adɔfoɔ paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na wɔakɔ Asiria te sɛ wuram afurum a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔn deɛ, wɔaforo kɔ Asiria; ewiram afunumu na ɔno nko ate ne ho; Efraim abobɔ adɔfoɔ paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na wɔakɔ Asiria te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔn de, wɔaforo kɔ Asiria; wuram afurum a ne nko atew ne ho; Efraim abobɔ adɔfo paa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 8:9
13 Iomraidhean Croise  

Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu.


Wɔsim kɔ Misraim a wɔmmisa m’anomu asɛm, sɛ wɔrekɔtwere Farao ahoɔden, na wɔakɔhyɛ Misraim nwunu mu.


Negeb mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohiahia ne ahokyere asase so, deɛ gyatabereɛ ne gyatanini fire no, deɛ ahuritia ne ɔwɔ a ɔtuo wɔ no, wɔde wɔn nnoɔma agu mfunumu akyiri, na wɔde wɔn akoradeɛ agu yoma akyiri apɔ so, wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfasoɔ biara no nkyɛn.


wura mu afunumu a ɛserɛ so akokwa no a ne kra akɔnnɔ mu ɔsɔ mframa no, hwan na ɔbɛsianka no? Wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa remmrɛ, ne bosome mu na wɔbɛhu no.


Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na AWURADE ne Yuda anya asɛm, na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ; sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.


Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi, n’adɔfo anim, na obiara renyi no mfiri me nsam.


Na Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda hunuu ne kuro; na Efraim sii mu kɔɔ Asiria, na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn; na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ, na ɔrentumi nkum mo ho akuro.


Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan