Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Hosea 7:7 - Twerɛ Kronkron

7 Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo. Wokunkum wɔn sodifo. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo, na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam; wɔn ahemfo nyinaa totɔ. Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wɔn nyinaa mu adodɔ sɛ ɔfononoo, na wokum wɔn akannifo; wɔn ahene nyinaa atotɔ; obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Hosea 7:7
27 Iomraidhean Croise  

Na Baasa kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n’adeɛ.


Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee ahemfie no ne ne ho, na ɔwui


Na ɔman no fa a wɔdii Omri akyire no yɛ den sene ɔman no fa a wɔdii Ginat ba Tibni akyire; na wɔkumm Tibni, na Omri dii hene.


Na ɔkaa sɛ: Monkye wɔn anikan so! Na wɔkyeree wɔn anikan, na wɔkunkumm wɔn wɔ Bet-eked amena ho, nnipa aduanan mmienu, na wɔannyae wɔn mu biara.


Na ɛbaa sɛ nwoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkumm nnipa aduɔson no, na wɔde wɔn tiri guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma maa wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel.


Na Yabes ba Salum pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Ibleam kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.


Na Gadi ba Menahem firii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum wɔ Samaria kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.


Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfie aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfoɔ mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na ɔkumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ.


Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ Usia ba Yotam afe a ɛtɔ so aduonu mu.


Na Yehu de ne nsa sɔɔ agyan mu to bɔɔ Yehoram abasa ntam, na agyan no hwiree n’akoma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu.


Na ɔkaa sɛ: Monto no nhwe fam! Ɛnna wɔtoo no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasuo ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde teaseɛnam faa ne so.


Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ.


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Nanso ɛnyɛ me na wofrɛɛ me, O Yakob, na me ho ayɛ wo mfone, O Israel!


Na ɛfiri tete nteredee wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko.


Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ deɛ ne ho nteɛ, na yɛn adetenenee nyinaa te sɛ ntomago afiafi, na yɛn nyinaa kusa sɛ ahahan, na yɛn amumuyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa.


Na obiara nni hɔ a ɔbɔ wo din na ɔkanyan ne ho sɔ wo mu; na woayi w’ani ahunta yɛn, na yɛn amumuyɛ nti woama yɛayera.


Na ɔman no ansane amma deɛ ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo AWURADE akyiri kwan nso, wɔanhwehwɛ.


Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.


Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu, ne w’atemmufoɔ a wokaa sɛ: Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?


Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi, akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim; wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.


Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ, na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu.


Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu, na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so; ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ, wɔte m’anim atua.


Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, wɔasisi mmapɔmma, nso mennim. Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni a ɛbɛsɛe wɔn.


Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan